Psalms 23

Awurade, yɛn Guanhwɛfo

1 Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me.
2Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.
Ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.
3Odwudwo me kra.
Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.
4Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro,
Awurade, efisɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ.
Wʼabaa ne wo poma na ɛkyerɛ me kwan.
5Wotow me pon mʼatamfo anim.
Wode ngo fɔw me tirim.
Me kuruwa yɛ ma bu so.
6Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi me nkwa nna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.
Copyright information for TwiNAK